Mark 9

Yesu anuonyam da adi

1Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no reba tumi mu!”

2Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakrae anuonyam mu. 3Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ fitaa no. 4Afei Elia ne Mose befii hɔ. Na wɔne Yesu kasae!

5Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, na mo mu biara anya baako.”

6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no nti, na ɛma ɔkaa saa.

7Petro gu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi fii omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Muntie no.”

8Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, na Mose ne Elia kɔ, ama aka wɔne Yesu nko ara.

9Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nnkyerɛ obiara kosi sɛ, ɔbɛsɔre afi awufo mu. 10Asuafo no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn?

11Afei, nʼasuafo no bisaa no nea enti a daa Yudafo mpanyin no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Onipa Ba no aba no. 12Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye.

13Na mpo, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no. Afei, Yesu bisaa wɔn nkɔm a adiyifo no hyɛe se, Onipa Ba no behu amane, na wɔabu no animtia no ase.

Yesu sa abarimaa bi a ɔwɔ honhommɔne yare

14Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohui sɛ nnipakuw atwa asuafo baakron a wɔaka no ho ahyia, na wɔne Yudafo mpanyin no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye. 15Bere a Yesu reba nnipakuw no nkyɛn no, wɔde ahodwiriw hwɛɛ no, tuu mmirika, kohyiaa no. 16Yesu bisaa wɔn se, “Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?”

17Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. 18Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuru, ma ɔtwɛre ne se, ma osinsen. Ɛno nti, mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.”

19Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

20Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Bere a wɔde no duu Yesu anim pɛ no, ɔyare no bae denneenen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano retwa ahuru.

21Yesu bisaa abrimaa no agya se, “Nna ahe ni a ɔyare yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ; 22na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu, pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”

23Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se, sɛ metumi a? Obiara a ɔwɔ gyidi no betumi ayɛ biribiara.”

24Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi no nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!”

25Yesu hui sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne sotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

26Afei, ɔyare no bae denneenen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Enti, nnipakuw no kasae huhuhuhu se “wawu.” 27Nanso, Yesu soo ne nsa, pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no. 28Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?”

29Yesu buaa wɔn se, “Mpaebɔ ho hia wɔ ɔyare a ɛte sɛɛ sa mu.”

Yesu wu ho nkɔmhyɛ

30Yesu fii hɔ no, ɔfaa Galilea, efisɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31Na ɔpɛ sɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobeyi me a meyɛ Onipa Ba no ama, na wɔakum me, na nnansa so, mɛsɔre aba nkwa mu bio.”

32Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Hena ne ɔkɛse

33Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Yɛreba no, dɛn akyinnye na na moregye wɔ kwan so no?”

34Asuafo no antumi ammua efisɛ, na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse no ho.

35Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!”

36Afei, ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfinimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se, 37“Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no, agye me, na nea obegye me no nso agye mʼagya a ɔsomaa me no!”

Nea ontia yɛn no wɔ yɛn afa

38Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne; enti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ, ɔnka yɛn ho.”

39Yesu kae se, “Munnsiw no kwan. Efisɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwowade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me. 40Na obiara a ontia yɛn no wɔ yɛn afa. 41Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti, ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da. 42Enti, sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbo duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.

43“Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wɔde wo nipadua bɛto ogyatanaa 44a ennum da no mu. 45Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ ogyatanaa 46a ennum da no mu.

47“Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto ogyatanaa 48a ennum da na ɛhɔ asonson nso nwu da no mu. 49Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.

50“Nkyene yɛ dɛ. Nanso, sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfaso; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”

Copyright information for TwiNAK